Wɔn werɛ mfiri obiara: Agyenkwa no adwuma du honhom wiase mpo.
Afei, ɛfa ɔkra tebea wɔ owuo ne owusɔreɛ no ntam—Hwɛ ɔbɔfoɔ ama mahunu sɛ sɛ nnipa biara wu a ntɛm pa no ara na wɔn honhom afiri honamdua a ɛwuo yi mu, aane, nnipa nyina ara honhom, sɛ wɔyɛ papa anaasɛ bɔne no, san kɔ fie wɔ saa Nyankopɔn no a ɔde nkwa maa wɔn no nkyɛn. Na afei ɛbɛba sɛ wɔn a wɔyɛ ateneneefoɔ no, wɔbɛgye wɔn honhom akɔ anigyeɛ tebea, a wɔfrɛ no paradise, tebea a ahomegyeɛ wɔ, asomdwoeɛ tebea, ɛhɔ na wɔbɛgye wɔn ahome afiri wɔn haw ne wɔn adwendwene nyina ara, ne awerɛhoɔ mu.
Alma kyerɛkyerɛ sɛ ahonhom kɔ so te ase wɔ owuo akyi, na atreneefoɔ kɔ ahomegyeɛ tebea a wɔfrɛ no paradise mu.
Sei na Awurade nne a ɛbaa me hɔ no kaaeɛ: Wɔn a wɔwuui a wɔannya saa asɛmpa yi ho nimdeɛ no nyina ara no, wɔn a sɛ wɔmaa wɔn kwan tenaa ase a anka wɔgyeeɛ no bɛnya Onyankopɔn sɛlɛstia ahemman no; Wɔn nso a firi saa berɛ yi de rekorɔ wɔbɛwuwu a wɔnni ɛho nimdeɛ no, wɔn a anka wɔde wɔn akoma nyina ara bɛgye no, bɛnya saa ahemman no; Ɛfiri sɛ me Awurade, mɛbu nnipa nyina ara atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ sɛdeɛ wɔn akoma apɛdeɛ teɛ.
Wɔn a wɔwuiɛ a wɔnteeɛ asɛmpa no nanso anka wɔbɛgye atom no, wɔnto wɔn mmɔ nkyɛn; Onyankopɔn bu atɛn sɛdeɛ akoma mu apɛdeɛ teɛ.
Berɛ a meredwennwene saa nneɛma a wɔatwerɛ yi ho no, wɔbuee me nteaseɛ ani, na Awurade honhom baa me so, na mehunuu awufoɔ akuoakuo, nketewa ne akɛseɛ nyina ara.
Titenani Joseph F. Smith anisoadehunu a ɛfa honhom wiase ho wɔ 1918 no hyɛɛ aseɛ berɛ a na ɔredwennwene atwerɛsɛm no ho.
Mmom hwɛ, ɔhyehyɛɛ ne dɔm firii ateneneefoɔ no ntam na ɔyii abɔfoɔ, maa wɔn tumi ne tumidie, na ɔmaa wɔn asodie sɛ wɔnkɔ na wɔmfa asɛmpa hann no nkɔma wɔn a na wɔn wɔ esum mu, mpo mma nnipa ahonhom nyina ara; na sei na wɔfaa so kaa asɛmpa no kyerɛɛ awufoɔ no.
Agyenkwa no hyehyɛɛ ahonhom treneeni sɛ wɔmfa asɛmpa no nkɔma awufoɔ nyinaa.
Na sei na wɔfaa so kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn a wɔwuwuui wɔ wɔn bɔne mu, a wɔannya nokorɛ no ho nimdeɛ, anaa wɔ wɔn mmaratoɔ mu, ɛnam sɛ wɔpoo nkɔmhyɛfoɔ no nti. Wɔkyerɛkyerɛɛ yeinom gyedie wɔ Onyankopɔn mu, bɔne ho nsakyeraeɛ, asubɔ a wɔgyina mu yɛ dema afoforɔ de nya bɔne fafiri, Sunsum Kronkron akyɛdeɛ a ɛnam nsa wɔde gu soɔ so no. Ne asɛmpa no nnyinasosɛm foforɔ biara a ɛhia sɛ wɔhunu ama wɔafata sɛ wɔbu wɔn atɛn sɛ nnipa a wɔn wɔ honam mu na wɔatena ase sɛdeɛ Onyankopɔn te wɔ Honhom mu.
Wɔkyerɛkyerɛ ahonhom a wɔwɔ honhom wiase asɛmpa no mũ, a ananmusi asubɔ ka ho.
Nkɔmhyɛni Joseph Smith, ne me Papa, Hyrum Smith, Brigham Young, John Taylor, Wilford Woodruff, ne ahonhom afoforɔ a wɔsom bo a wɔkoraa wɔn sɛ wɔmfiri adi mmra wɔ mmerɛ mahyɛ mu na wɔmmɛka ho nto nna a ɛdi akyire adwuma kɛseɛ no fapem, Ɛne tɛmpol sie ne ayɛyɛdeɛ ho dwumadie a wɔyɛ no wɔ mu de gye awufoɔ no—nso wɔ honhom wiase hɔ bi.
Wɔkoraa ahonhom a wɔapaw wɔn sɛ wɔbɛto nna a ɛdi akyire adwuma no fapem, a tɛmpol ne ayɛyɛdeɛ ma awufoɔ ka ho.
Mehunuu sɛ saa asɛmpa berɛ mpanin nokorɛfoɔ no, sɛ wɔfiri ewuo asetena yi mu a, wɔtoa wɔn nnwuma so ka nsakyeraeɛ ne ɔgyeɛ asɛmpa no a ɛnam Onyankopɔn Ba a Ɔwoo no Korɔ no afɔdeɛ no so, wɔ wɔn a wɔn wɔ esum mu na wɔhyɛ bɔne nkoasom ase wɔ awufoɔ ahonhom wiase kɛseɛ no mu. Awufoɔ a wɔsakyera no wɔbɛgye wɔn, nam setie a wɔyɛ ma ayɛyɛdeɛ a ɛwɔ Onyankopɔn fie no mu, Na akyire yi a wɔatua wɔn mmarato ho asotwe awie, na wɔahohoro wɔn ho ma wɔn ho ate no, wɔbɛnya akatua sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ, ɛfiri sɛ wɔyɛ nkwagyeɛ adedifoɔ.
Nokwafoɔ no kɔ so kyerɛkyerɛ wɔ owuo akyi, na awufoɔ a wɔsakyera no, wɔnam tɛmpol ayɛyɛdeɛ so gye wɔn.
Na ahonhom dodoɔ no ara a na wɔn wɔ afiase no firii adi baae, na wɔgyinaa Onyankopɔn nsa nifa so; na wɔkoraa nkaeɛ no wɔ esum nkɔnsɔnkɔnsɔn mu de rekɔsi atemmuo da kɛseɛ no.
Wɔ Enok anisoadehunu mu, ahonhom a wɔwɔ afiase firi adi ba Onyankopɔn nifa so, a ɛne Agyenkwa no adwuma wɔ abusuabɔ.